Me wuranom, mesrɛ mo, momman mmra mo akoa fi mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo anan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wose: Dabi, na yɛbɛda abɔnten so.
Hwɛ, mewɔ mmabea baanu a wonhuu ɔbarima ɛ, momma memfa wɔn mimfi memmrɛ mo, na monyɛ wɔn sɛnea eye mo ani so, na mmarima yi nko de, monnyɛ wɔn hwee, na ɛno nti na wɔbaa me suhyɛ nwini ase yi.
Na wɔkae sɛ: Twe wo ho fi hɔ! Na wose: Saa onipa yi bae bɛyɛɛ ɔhɔho, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufo yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛn wɔn. Na wɔhyɛɛ Lot so dennen twiw bae sɛ wobebubu pon no.
Na Lot fii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmabea no kɔ kasae sɛ: Monsɔre mfi ha, na AWURADE rebɛsɛe kurow yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom no ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.
Na ɔtwentwɛn ne nan ase no, mmarima no susoo ɔno ne ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, na AWURADE huu no mmɔbɔ na wɔde no fii adi gyaw no kurow no akyi.
Hwɛ, w'akoa anya w'anim dom, na woama w'adɔe a woayɛ me yi aso sɛ woregye me nkwa, nanso merentumi nguan nkɔ bepɔw so, na mmusu no ammɛto me, na manwu.
Na ade kyee no, abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Hwɛ, me ne m'agya akɔda anadwo yi, ma yɛmma no nsa nnom nnɛ anadwo yi nso, na kɔ mu, na wo ne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma.