Sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ ntokontrama no nyɛ w’akatua a, na nnwan no nyinaa awowo ntokontrama. Na sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ nsensannsensan no nyɛ w’akatua a, na nnwan no nyinaa awowo nsensannsensan.
Na berɛ a mmoa no refoforo wɔn ho na wɔanyinsɛn no, memaa m’ani so na mehunui wɔ daeɛ mu, na hwɛ, mpapo a na wɔforo mmirekyie no, wɔn ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan.
Na ɔse: Ma w’ani so hwɛ, adwennini no a wɔreforo nnwan no nyinaa yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan: Ɛfiri sɛ mahunu deɛ Laban ayɛ woɔ nyinaa.
na ɔfaa ne mmoakuo nyinaa ne n’ahodeɛ a ɔnyaeɛ nyinaa ne mmoakuo a ɔnyaeɛ wɔ Mesopotamia no nyinaa sii mu sɛ ɔrekɔ n’agya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnora anadwo no, mo agya ne Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.
Na deɛ wobɛhunu w’anyame wɔ ne nsa mu no rentena ase. Yɛn nkurɔfoɔ yi anim na hwehwɛ deɛ ɛyɛ wo dea wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ Rahel na ɔwiaeɛ.
Na wobɛhwehwɛɛ me nnoɔma mu nyinaa yi, wo fie mu adeɛ bɛn na woahunu wɔ mu? Saa! Fa bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ anim wɔ ha, na wɔmmu yɛn baanu ntam atɛn.
Sɛ m’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, ne Isak suro annyina m’akyiri a, anka afei wogyaa me kwan nsapan. Me brɛ ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hunuiɛ, na ɔkaa w’anim nnora anadwo.
Na Laban bua see Yakob sɛ: Mma mmaa yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nnwan yi, me nnwan a, na deɛ wohunu yi nyinaa, me dea. Na me mmammaa yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, ɛdeɛn na mɛtumi de ayɛ wɔn nnɛ?
Aboɔkuo yi ne adanseɛ, na odum yi nso yɛ adanseɛ, sɛ me deɛ, merensiane ekuo yi ho memma wo nkyɛn, na wo nso, worensiane ekuo yi ne odum yi ho mma me nkyɛn mmɛyɛ bɔne.