Na afei wo mma baanu a wɔwoo maa wo wɔ Misraim asase so ansa na mereba wo nkyɛn Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea sɛ: Ruben ne Simeon.
Na me de, mifi Padan mebae no, Rahel wui m'anim wɔ Kanaan asase so wɔ ɔkwan mu, na aka ɔkwantiaa bi na wadu Efrat, na misiee no hɔ wɔ Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn.
Na Yosef faa wɔn baanu nyinaa de ne nifa soo Efraim mu de no kyerɛɛ Israel benkum, de ne benkum soo Manase mu de no kyerɛɛ Israel nifa, na ɔde wɔn bɛn no.
abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini.
Na n'agya ampene na ose: Minim, me ba, minim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso adɔ, nanso ɛnyɛ dɛn ara a, ne nua kumaa no bɛso asen no, na n'asefo bɛyɛ aman pii.