M'agya ma mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɔda a mabɔ wɔ Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kosie me. Enti ma menkɔ minkosie m'agya, na mensan memmra.
Na ɛhɔfo, Kanaanfo no, huu osu a wosuu no Atad awiporowbea hɔ no, wɔkae sɛ: Eyi de, Misraimfo ayi a emu yɛ den ni. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Abelmisraim ase ne: Misraimfo ayiyɛ, ɛwɔ Yordan agya noho.
Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no wɔ: Makpela afuw so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentenso a Abraham tɔɔ no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiei no mu.
Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumɔyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, efisɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w'agya Nyankopɔn nkoa amumɔyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ no no, Yosef sui.
Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebetiw nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabeyi mo afi asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.