Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ n’agya yɛɛ me adɔeɛ no. Na Dawid somaa ne nkoa maa wɔkɔmaa no hyɛden, n’agya wuo no nti. Na Dawid nkoa no duruu Amonfoɔ asase so.
Ɛnna Amonfoɔ mpanimfoɔ ka kyerɛɛ wɔn wura Hanun sɛ: Wodwene sɛ Dawid di w’agya ni nti na wasoma wo nkyɛn awerɛkyekyefoɔ yi? Ɛnyɛ kuro yi mu hwehwɛ ne ne nsra ne ne butuo nti na Dawid somaa ne nkoa maa wɔbaa wo nkyɛn yi?
Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔsoma maa wɔkɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara. Na ɔhene kaa sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔgyesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.
Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Dawid bo afu wɔn no, Amonfoɔ no soma maa wɔkɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafoɔ ne Soba Siriafoɔ paa, anammɔnmufoɔ mpem aduonu ne Maakahene nnipa apem ne Tob mmarima mpem dummienu.
Na Siriafoɔ dwanee Israel anim; na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ ahanson ne apɔnkɔfoɔ mpem aduanan, na ɔpiraa ɔsahene Sobak maa no wuu wɔ hɔ.
Na ahemfo a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Israel yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom wɔn. Na Siriafoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ no bio.