na ohiani no de, onni hwee sɛ oguammere ketewa biako, a ɔtɔɔ no; na ɔyɛn no na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Odi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabea.
Na da koro bi a ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nguan ne n’anantwi no bi yɛ ɔkwantenni a wabɛsoɛ no no hɔho, na ɔkɔfaa ohiani no guan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.
Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ. Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni. Me na mesraa wo ngo na mede wo misii Israel so hene, na miyii wo Saul nsam;
na mede wo wura fi memaa wo, na mede wo wura yerenom nso miguu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fi memaa wo; na sɛ esua a, anka mede sɛɛ ne sɛɛ mɛka wo ho.
Ɛdɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtiaa ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrante akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na ɔno de, wode Amonfo nkrante adi no awu.
Na da a ɛto so ason no, akokoaa no wui. Na Dawid nkoa suroe sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na wɔkae sɛ: Hwɛ, akokoaa no da so te ase no po, yɛne no kasae, na wantie yɛn. Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na ɔrenyɛ bɔne bi?
Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde sradaa ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma na wɔyɛɛ ntayaa fononoo ho adwuma dennen. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem.