Na Absalom sɔre anɔpahema kɔgyina kuro no pono ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abɛdie no, Absalom frɛ no bisa no sɛ: Kuro bɛn so na wofire? Na sɛ ɔbua sɛ: Israel mmusuakuo bi mu na w’akoa fire, a,
Na Absalom soma maa wɔkɔhyiaa Giloni Ahitofel, Dawid fotufoɔ, firii ne kuro Gilo mu, berɛ a ɔrebɔ afɔdeɛ no; na atirisopam no mu yɛɛ den, na nnipa a wɔwɔ Absalom nkyɛn no kɔɔ so dɔɔso ara.
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yɛnnwane, na Absalom ammɛku yɛn. Monyɛ ntɛm ma yɛnkɔ, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrantɛ ano ammɛbɔ kuro yi.
Na ne nkoa nyinaa sene faa ne nkyɛn; na Keretifoɔ nyinaa, Peletifoɔ nyinaa ne Gatfoɔ nyinaa, mmarima ahansia a wɔdii n’akyi firi Gat baeɛ no bɛtwaa mu ɔhene anim.
Nnora nko ara na wobaeɛ, na ɛnnɛ memma wo ne yɛn nkɔkyini? Na me deɛ, merekɔ deɛ mennim; sane, na fa wo nuanom nso ka wo ho sane kɔ AWURADE adɔeɛ ne ne nokorɛ mu.
Na Itai buaa ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na me wura ɔhene nso te aseɛ yi, faako a me wura ɔhene bɛtena no, ewuo mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛtena!
Na asase no sofoɔ nyinaa de nne kɛseɛ sui, na ɔman no nyinaa twaa mu kɔe, na ɔhene twaa asuo Kidron, na ɔman no nyinaa twae a wɔn ani kyerɛ ɛserɛ no so.
Na hwɛ, Abiatar baeɛ na Sadok nso nie, a Lewifoɔ nyinaa ka ne ho. Wɔso Nyankopɔn apam adaka no, na wɔsoɛɛ Nyankopɔn adaka no sii hɔ, na wɔamfa bio kɔsii sɛ ɔman no nyinaa firii kuro no mu twaa mu wieeɛ ansa.
Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Nyankopɔn adaka no sane kɔ kuro no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔde me bɛsane aba, na wama mabɛhu no ne ne tenabea bio.
Na Dawid foroo Ngo-bepɔ no, na ɔreforɔ no na ɔresu, na wakata ne ti, na ɔnhyɛ mpaboa, na ɔman a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti, na wɔreforɔ no, na wɔresu.
Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatuo nnane nkwaseasɛm.
Na sɛ wosane kɔ kuro no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛdeɛ akane no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei deɛ, mɛyɛ w’akoa, a, wobɛma Ahitofel agyinatuo no ayɛ ɔkwa ama me.