Na Dawid twaam fii atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset abofra Siba behyiaa no; ɔde mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso abodoo sebɔw ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne awia bere mu borɔdɔma ɔha ne nsa aboa nhoma kotoku ma.
Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode eyinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfurum yi wɔmfa mma ɔhene fifo na wɔntenatena so, na abodoo ne awia bere mu nnuaba yi, mmerante no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ sare so na wɔnnom.
AWURADE adan Saul a wubesii n’ananmu dii hene no fi mogya nyinaa aba wo so, na AWURADE de ahenni no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’amane mu na woda yi, efisɛ onipa a wahwie mogya agu ne wo.
Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ofi me yam na ɔrehwehwɛ me akum me yi, na afei menne Benyaminni yi. Munnyaa no mma ɔnnome, efisɛ AWURADE na wahyɛ no.
Na Dawid ne ne nnipa nam ɔkwan no so rekɔ no na Simei nam bepɔw no ho ne ntentenso rekɔ; na ɔrekɔ no, na ɔdome ara, na osianee no paa no abo, na ɔtow mfutuma petee.
Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Kɔ w’agya yefamnom a ogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ ofie no ne wɔn nna, na Israel nyinaa nte sɛ woama wo ho abɔn w’agya, na wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa nsa bɛyɛ den.