Na Yoab baa ɔhene nkyɛn ofie, na ɔkae sɛ: Woahyɛ wo nkoa nyinaa a ɛnnɛ wɔagye wo kra ne wo mmammarima ne wo mmabea kra ne wo yerenom kra ne wo yefamnom kra no aniwu nnɛ,
Na afei sɔre fi adi na kɔka abotɔyam asɛm kyerɛ wo nkoa. Na meka AWURADE sɛ, sɛ woamfi adi a, obiara rentena wo nkyɛn anadwo yi, na ɛno mmom bɛyɛ bɔne ama wo asen bɔne a aba wo so fi wo mmerantebere de abedu sesɛɛ no.
Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa kurow pon no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kurow pon no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Afei na Israelfo no nyinaa aguanguan, obiara kɔ n’ankasa fi.
Na ɔman no nyinaa kasakasae Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ: Ɔhene na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam, na ɔno na oyii yɛn Filistifo nsam, na afei Absalom nti waguan afi asase yi so.
Na ɔhene Dawid tee nea Israel nyinaa aka no, ɔsoma kɔɔ asɔfo Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanyimfo sɛ: Ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fi mmere a ɔman no nsɛm nyinaa adu m’asom yi?
Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: So ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ!
Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mma me wura mmmu amumɔyɛ nnto me so, na nkae nea w’akoa fom so yɛɛ no da a me wura ɔhene fii Yerusalem no, na ɔhene mmfa nnhyɛ ne komam.
Na Dawid se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ me nnipa a wɔne me di asi nnɛ yi? So nnɛ wonkum obi Israel anaa? So minnim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?
Na Saul ba Mefiboset san ba behyiaa ɔhene; na onsiesie ne nan ase ɛ, na onsiesiee ne bogyesɛ ɛ, na ne ntade nso ɔnhoroe ɛ, fi da a ɔhene kɔe no besii da a ɔbae asomdwoe mu no.
Na m’agya fi nyinaa nyɛ hwee sɛ owu mma ma me wura ɔhene, nanso wode w’akoa sii wɔn a wodidi wo pon so mu. Na asɛntrenee bɛn na mewɔ bio, nso dɛn na mede mɛteɛm mafrɛ ɔhene bio.
Madi mfirihyia aduɔwɔtwe nnɛ, so mehu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte nea medi ne nea mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofo mmarima ne mmea nne bio anaa? Na ɛdɛn nti na w’akoa nkɔ so nyɛ me wura ɔhene adesoa?
Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛdɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho akotwa Yordan aba?
Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Efisɛ ɔhene yɛ yɛn busuani. Na ɛdɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru yi? So yɛadi ɔhene ho biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi?
Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima no sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso yɛwɔ sen mo. Na adɛn nti na moammu yɛn? So ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae sɛ wɔnkɔfa yɛn hene mmra? Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.