Na eyinom ne Dawid nsɛm a edi akyiri. Yese ba Dawid asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no so, nea Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofo asɛm a ɔreka ni:
So ɛnyɛ sɛ me fi te ne no Onyankopɔn anim? Na ɔne me ayɛ daa apam a wɔasiesie no ade nyinaa mu na etim hɔ. Na nea mepɛ ne nea mehwehwɛ nyinaa, so ɔremma ɛmfefɛw?
Na nea odi n’akyi ne Ahohi ba Dodo ba Eleasar a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho bere a wɔresopa Filistifo a wɔaboaboa wɔn ho ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔe no mu.
Ɔno na ɔsɔre kunkum Filistifo no kosii sɛ ne nsam gowee na ne nsa fam ne nkrante ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛse da no, na dɔm no dan kodii n’akyi sɛ wɔbɛfow ade nko.
Na nea odi n’akyi ne Hararini Age ba Sama. Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bɔɔ asafo na asasewa bi wɔ hɔ a asɛdua wɔ so na ɔman no guanee Filistifo no anim.
Na nnɔmmarima baasa no tew faa Filistifo nsra no mu kɔsaw Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu de brɛɛ Dawid. Nanso wampɛ sɛ ɔnom, na ohwie gu maa AWURADE,
Na Yehoiada ba Benaia yɛ ɔkofoni barima a ofi Kabseel, a ɔyɛɛ mmaninne. Okum Ariel mma baanu wɔ Moab; na ɔno nso sian kokum gyata, abura mu, sukyerɛma da bi;
na okum Misraimni barima hoɔfɛfo bi, na Misraimni no kura peaw ne nsam, na Benaia de poma sian kɔɔ ne nkyɛn, na ohuam Misraimni ankasa peaw fii ne nsam de kum no.