Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛnea wɔte yi ho mpɛn ha, na me wura ɔhene aniwa nhu, na ɛdɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wodi saa asɛm yi?
na Yoab de ɔman no anobu no dodow no brɛɛ ɔhene, na Israel dɔm mu mmarima a wɔtwe nkrante ano si ɔpeha ahorow awotwe, na Yuda mmarima si ɔpeha ahorow anum.
Na Dawid kan ɔman no saa no, ne koma bɔɔ no pan, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nea mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!
Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɔkɔm mmra w’asase so mfe asɔn, anaasɛ wubeguan w’atamfo a wɔtaa wo anim asram abiɛsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hu asɛm ko a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no.
Na ɔbɔfo no teɛɛ ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea ho.
Na Dawid huu ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fi so.
Ɛnna Arauna kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura ɔhene ba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid se: Merebɛtɔ wo hɔ awiporowbea no, na masi afɔremuka mama AWURADE, na wɔasiw ɔhaw no kwan afi ɔman no so.
Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa na ɔmmɔ afɔre sɛnea eye n’ani so. Hwɛ, ɔhyew afɔrebɔ nantwi ne porow nteaseɛnam ne anantwi no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina ni.
Na ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: Daabi, na ɔtɔ na mɛtɔ no wo hɔ, sɛ ne bo te, na meremfa ade biara a ɛnsom me bo memmɔ AWURADE me Nyankopɔn ɔhyew afɔre. Na Dawid tɔɔ awiporowbea no ne anantwi no maa dwetɛ nnwetɛbona aduonum.
Na Dawid sii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wosiw ɔhaw no kwan fii Israel so.