Na ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka no sɛ: Afɔremuka, afɔremuka, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fi a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfo a wɔhyew wo so aduhuam no bɛbɔ afɔre, na wahyew nnipa nnompe wɔ wo so.
Na ɔhene tee Onyankopɔn nipa no asɛm a ɔteɛɛm hyɛɛ afɔremuka a ɛwɔ Betel no, Yeroboam teɛɛ ne nsa fii afɔremuka no so kae sɛ: Monkyere no. Na ne nsa a ɔteɛe no so no senee kyenkyenenn, na wantumi anka anto ne ho.
Ɛnna ɔhene bua ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa yi nyɛ yiye mma me! Na Onyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yiye maa no, na ɛyɛe sɛ kan no.
Nso odiyifo akwakoraa bi te Betel; na ne ba kɔbɔɔ no nea Onyankopɔn nipa no bɛyɛe Betel da no nyinaa; nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔkɔka kyerɛɛ wɔn agya.
na osiim tiw Onyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odupɔn kɛse bi ase. Na obisaa no sɛ: Wone Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no? Na obuae sɛ: Mene no.
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifo sɛ wo, na ɔbɔfo bi de AWURADE asɛm aka akyerɛ me sɛ: Kɔsan no na ɔne wo mmra wo fi, na ommedidi na ɔnnom. Nanso atoro na odi kyerɛɛ no.
na ɔteɛɛm kyerɛɛ Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Sɛ woatew AWURADE anom asɛm ho atua na woanni mmara asɛm a AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ wo no so,
Na odiyifo a ɔkɔsan no fii ɔkwan no so no tee no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn nipa a ɔtew AWURADE anom asɛm ho atua no ne no, na AWURADE de no ama gyata no ma watetew no akum no, sɛ AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ no no te no.
Na odiyifo no maa Onyankopɔn nipa no funu no so de too afurum no so de no sanee, na odiyifo akwakoraa no de no kɔɔ ne kurow mu, sɛ okogyam no na wasie no.
Asɛm yi akyi no Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne so, na ɔsan faa ɔman no mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfo; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodi hyɛ ne nsa ma wɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfo no bi.