Na Ahasia fii n’abansorodan a ɛwɔ Samaria no mfɛnsere mu hwee ase, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkobisa Ekron nyame Baalsebub sɛ menya yare yi mu nkwa anaa?
Na AWURADE bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kohyia Samaria hene abɔfo no, na ka kyerɛ wɔn sɛ: So Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade yi?
Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro behyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsan nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Enti mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu.
Na ɔhene somaa aduonum so safohene ne n’aduonum kɔɔ Elia nkyɛn; na wɔforo kɔɔ odiyifo no nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔw no atifi. Na ɔsafohene no ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ: Onyankopɔn nipa, ɔhene se: Sian bra.
Na Elia bua ka kyerɛɛ aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Onyankopɔn nipa ne me a, ogya mfi soro nsian mmɛhyew wo ne w’aduonum! Na ogya fi soro duru bɛhyew ɔno ne n’aduonum no.
Na Elia bua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn nipa ne me a, ogya mfi soro nsian mmɛhyew wo ne w’aduonum! Na Onyankopɔn gya fi soro duru bɛhyew ɔno ne n’aduonum no.
Na ɔhene san somaa aduonum so safohene a ɔto so abiɛsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔto so abiɛsa no foro kɔe, na ɔkɔkotow ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw ka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra bo nyɛ den w’ani so.
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woasoma abɔfo sɛ wonkobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade, te sɛnea Onyame bi nni Israel a wokobisa no asɛm nti, mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu.