Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson Samaria. Na enti Yehu kyerɛkyerɛw nhoma na ɔsomaa ma wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanyimfo ne Ahab mma gyigyefo no sɛ:
Na nea odi ofi no so ne nea odi kurow no so no, mpanyimfo ne mma gyigyefo no soma kɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na nea wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ nea wopɛ.
Ɛnna ɔkyerɛw wɔn nhoma a ɛto so abien sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobetie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no, ti mmra me nkyɛn ɔkyena sesɛɛ Yesreel. Nso ɔhene mma no si mmarima aduɔsn; kurow no mu nnipa akɛse no nkyɛn na wɔyɛn wɔn.
Na anɔpa no, ofii adi kogyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Mudi bem, hwɛ, me na mepam me wura ti so na mikum no; na hena na okunkum eyinom nyinaa?
Yehu hyiaa Yuda hene Ahasia ne nuanom, na ɔkae sɛ: Henanom ne mo? Na wose: Ahasia ne nuanom ne yɛn, na yɛresan akɔ akɔhwɛ ɔhene mma ne ɔhemmea mma no sɛ wɔn ho te dɛn.
Na ɔkaa sɛ: Monkyere wɔn anikan! Na wɔkyekyeree wɔn anikan, na wokunkum wɔn nguansesa dan no ho amoa no ho, nnipa aduanan abien, na wannyaw wɔn mu biara.
Na ofi hɔ rekɔ no, ohuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abehyia no; na okyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: So wodɔ me sɛ medɔ wo yi? Na Yehonadab se: Ɛte sa! Na Yehu se: Sɛ ɛte saa a, so me nsam ɛ! Na osoo mu; na ɔma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu.
Na afei, Baal adiyifo nyinaa, ne n’asomfo nyinaa ne n’asɔfo nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔre kɛse mebɔ mema Baal; obiara a ɔbɛka no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no anitew mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfo.
Na wɔkɔɔ mu sɛ wɔrekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre. Na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe agyina adiwo sɛ: Sɛ mmarima a mede wɔn merehyɛ mo nsa yi mu biara fi mu kɔ a, nea ɔma ɔkɔe no kra besi ne kra ananmu.
Na owiee ɔhyew afɔre no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfo ne akunini no sɛ: Monkɔ nkokunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na ammirikatufo ne akunini no de nkrante kunkum wɔn totow wɔn gui.
Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu sɛ: Esiane sɛ woayɛ yiye, sɛ woayɛ nea ɛteɛ m’ani so, na woayɛ Ahab fi sɛnea ɛwɔ me koma mu nyinaa nti: Wo mma a wɔbɛto so anan no bɛtena Israel agua so.