Na ɔhene Yoram babea Yehoseba, Ahasia ne nuabea, faa Ahasia ba Yoas na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu de no ne ne gyigyefo kɔɔ pia mu, na wɔde no hintaw fii Atalia anim na wɔankum no.
Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada soma kɔfaa Karifo ne ammirikatufo no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fi, na ɔne wɔn pamee, na ɔma wɔkekaa ntam AWURADE fi, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.
Na asafohene no yɛe sɛnea ɔsɔfo Yehoiada hyɛe no nyinaa, na wɔfofaa wɔn nnipa a wɔbaa wɔn dibea so homeda ne wɔn a wofii mu homeda no, na wɔbaa ɔsɔfo Yehoiada nkyɛn.
Na awenfo no gyinagyina hɔ kurakura wɔn akode, efi ɔdan no nifa twea so kosi ɔdan no benkum twea so, afɔremuka no ho ne ɔdan no ho, atwa ɔhene no ho ahyia.
Na oyii ɔhene ba no fii adi, na ɔde ahemmotiri no bɔɔ ne ti, na ɔde adanse no hyɛɛ ne nsa, na wosii no hene, na wɔsraa no, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa!
na obehui, na hwɛ, ɔhene no gyina sumpii no so sɛnea amanne no te, na asafohene no ne ntorobɛntohyɛnfo wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfo no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntade mu, na ɔteɛɛm sɛ: Atirisopam, atirisopam?
Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no so no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi no mfa nkyerɛpɛn no mu mfi, na nea obedi n’akyi no, momfa nkrante nkum no. Na ɔsɔfo no kae sɛ: Wonnkum no AWURADE fi.
Ɛnna asase no so nkurɔfo nyinaa kɔɔ Baal fi koburuw n’afɔremuka ne n’ahoni no, wobubuu no pasaa, na Baal sɔfo Matan nso, wokum no afɔremuka no anim. Na ɔsɔfo no de awɛmfo sisii AWURADE fi no ho.
Na ɔfaa ɔha ha so safohene ne Karifo ne awɛmfo ne asase no so nkurɔfo nyinaa, na wɔde ɔhene no fii AWURADE fi san bɛfaa ammirikatufo pon ano kwan so baa ɔhene fi, na ɔtenaa ahengua no so.