Na wɔannyaw dɔm bi amma Yoahas gye apɔnkɔsotefo aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufo ɔpedu, efisɛ Siria hene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfutuma a wotiatia so.
Nso na Elisa yare ne yare a ɔde wui no. Na Israel hene Yoas san baa ne nkyɛn besui n’anim, na ɔkae sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!
Na ɔkae sɛ: Hiɛ apuei mfɛnsere no! Na ohiɛe. Na Elisa se: Tow! Na ɔtowee. Na ose: AWURADE nkonimdi agyan, Siria so nkonimdi agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akosi sɛ wobɛdwerɛw wɔn.
Na da bi a wɔrekosie onipa bi no, wohuu asafokuw bi, na wɔtow onipa no kyenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, na onyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.
Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdan ne ho kyerɛɛ wɔn, n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pamee no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wantow wɔn ankyene amfi n’anim de besi nnɛ.
Na Yoahas ba Yoas san kogyee Hasael ba Ben-hadad nsam nkurow a ɔde ɔko begyee n’agya Yoahas nsam no. Mpɛn abiɛsa na Yoas bɔɔ no, na ɔdan Israel nkurow no mae.