Na awudifo no mma no de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara no mu sɛnea AWURADE hyɛɛ sɛ: Wonnkum agyanom, mma nti, nso wonnkum mma, agyanom nti, na mmom obiara bɔne so na wonkum no, no.
Na Israel hene Yoas soma baa Yuda hene Amasia nkyɛn sɛ: Nsɔe dua a ɛwɔ Lebanon no soma kɔɔ kyeneduru a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babea ma me ba nware. Na wuram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sen betiatiaa nsɔe dua no so.
Okum de, woakum Edom, na wo koma ama wo so. Ma w’anuonyam nnɔ wo so na tena wo fi, na ɛdɛn nti na wo ne mmusu rebedi aperepere na woahwe ase, wo ne Yuda nyinaa?
Na Israel hene Yoas kyeree Yuda hene Amasia, Ahasia ba Yoas ba, wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem beburuw Yerusalem fasu fi Efraim pon no ho de kosii twea pon no ho basafa ahannan;
Ɔno na okogyee Israel hye san maa wɔn de fi Hamat de besii Araba po ano, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn nam n’akoa, Amitai ba Yona, odiyifo a ofi Gat-hefer, so kae no.
Na Yeroboam ho nsɛm nkae, ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne, sɛnea ɔkoe ne sɛnea ɔdan Damasko ne Hamat a ɛyɛ Yuda de no maa Israel no, wɔakyerɛw no Israel ahene beresosɛm nhoma no mu.