Na n’ahenni afe a ɛto so akron ɔsram a ɛto so du da a ɛto so du no, Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛbɔɔ so nsra, na wɔtotoo ho mpe hyiae.
Ɛnna wotuu kurow no ɔfasu no mu tokuru, na ɔhene ne mmarima akofo no nyinaa guan anadwo faa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pon mu kɔe; nso Kaldeafo no atwa kurow no ho ahyia; na ɔfaa Araba kwan so kɔe.
Adum no biako korɔn si basafa dunwɔtwe, na ɛso duntiri no yɛ kɔbere, na duntiri no korɔn si basafa abiɛsa na ntontan ne atea aba sɛso wowɔ duntiri no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere; na saa ara na odum a ɛto so abien no nso te, ntontan no ho.
na kurow no mu nso ɔfaa opiani biako a wɔde no sii akofo no so ne ɔhene afotufo mu mmarima baanum a wohuu wɔn kurow no mu, ne ɔkyerɛwfo, ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfo kɔ ɔsa no ne asase no so nkurɔfo mu mmarima aduosia a wɔwɔ wɔn kurow no mu,
Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima, tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfo no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa: Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima.
Na ɔsram a ɛto so ason no, Elisama ba Netania ba Ismael a ofi ahemmusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛbobɔɔ Gedalia ma owui, ne Yudafo ne Kaldeafo a wɔka ne ho Mispa no nso.
Na Yuda hene tukɔ afe a ɛto so aduasa asɔn, ɔsram a ɛto so dumien da a ɛto so aduonu asɔn, ɛne afe a Babel hene Ewil-merodak dii mu hene no, ɔnam adom so yii Yuda hene Yehoiakin fi nneduadan mu,