Na kan a Saul di hene no, wo ara na wode Israel fi adi na wode wɔn ba mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo ara na wubedi me man Israel so bapɔmma.
Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pamee AWURADE anim Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛnea AWURADE nam Samuel so kae no.
Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no mu atitiriw a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahenni mu, sɛ wɔne Israel nyinaa besi no hene, sɛnea AWURADE kae Israel ho no.
Ɔno na ɔne Dawid wɔ Pas-damim, na Filistifo aboaboa wɔn ho ano hɔ sɛ wɔrebedi ako, na asasewa bi wɔ hɔ a atoko ayɛ so ma, na ɔman no guan fii Filistifo anim,
Na mmarima baasa no tew faa Filistifo nsra no mu kɔsaw Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid ampɛ sɛ ɔnom, na ohwie gu maa AWURADE,
na ɔkae sɛ: Me Nyankopɔn mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ eyi. So mennom mmarima a wɔde wɔn nkwa too wɔn nsam yi mogya? Na wɔn nkwa na wɔde kɔfa bae yi. Na wampɛ sɛ ɔnom. Eyi na nnɔmmarima baasa no yɛe.
Yehoiada ba Benaia yɛ ɔbarima katakyi a ofi Kabseel a ɔyɛɛ nneɛma akɛse: Ɔno na okum Moabni Ariel mma baanu no. Na ɔno ara nso sian kokum gyata, abura bi mu, da bi a sukyerɛma atɔ.
Na ɔno ara nso kokum Misraimni barima bi a ne tenten yɛ basafa abien ne fa, na Misraimni no kura peaw a ɛte sɛ ɔtamanwemfo nsadua wɔ ne nsam, na ɔde poma sian kɔɔ ne nkyɛn, na ohuam Misraimni no nsam peaw no de n’ankasa peaw no kum no.