Na Gadfo mu nnipa a wɔtew wɔn ho baa Dawid nkyɛn sare so atenae no mu, nnɔmmarima a wotumi na wɔyɛ akofofo a wokura kyɛm ne peaw, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔw so adowa ni:
Na Dawid fii adi baa wɔn anim na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asomdwoe so na moba me nkyɛn sɛ morebɛboa me a, ɛnne menya mo ho koma pa sɛ yɛbɛyɛ biako. Na sɛ morebeyi me ama m’atamfo a, ɛnne amumɔyɛ bi nni me nsam yi, yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.
Ɛnna honhom no kaa Amasai, aduasa no mu otitiriw, na ɔkae sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid, na yɛwɔ w’afa, Yese ba. Asomdwoe, asomdwoe nka wo, na asomdwoe nka w’aboafo, na wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitiriw.
Na Manasefo mu binom nso wae bɛdɔm Dawid, bere a ɔne Filistifo reba ne Saul abɛko no. (Nanso Filistifo no ammoa wɔn, efisɛ Filistifo mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn ti na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saul nkyɛn).
Mmarima akofofo a wɔde koma mu yii wɔn ho kɔɔ mpasua so yi nyinaa baa Hebron, sɛ wɔde Dawid rebesi Israel nyinaa so hene. Na Israel nkae no nyinaa nso nyaa Dawid ahensi ho koma koro.
Na wɔn a wɔbɛn wɔn de kosi Isakar ne Sebulon ne Naftali no nso de aduan bae, mfurum ne yoma ne mfurumpɔnkɔ ne anantwi so, osiam aduan ne borɔdɔma tetare ne bobe aba a wɔahata ne nsa ne ngo ne anantwi ne nguan pii, efisɛ anigye aba Israel.