na Dawid ka kyerɛɛ Israel bagua no nyinaa sɛ: Sɛ eye mo ani so na efi AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛnsoma nkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsaase nyinaa so ne asɔfo ne Lewifo a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkurow mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ho ano mmra yɛn nkyɛn,
Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de fi Misraim Sihor ara kosii, nea wɔrekɔ Hamat ano, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka no afi Kiriat-yearim aba.
Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn AWURADE a ɔte kerubim so a wɔbɔ ne din frɛ no no adaka no afi hɔ aba.