Ɛnna Dawid kae sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔe, sɛnea n’agya yɛɛ me adɔe no. Na Dawid somaa abɔfo sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya nti. Na Dawid nkoa no siim kɔɔ Amonfo asase so kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔnkɔma no hyɛden.
Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: So w’agya nidi nti na Dawid somaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ asase no mu pɛepɛe ne ne butuw ne ne sra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?
Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kohyiaa wɔn, efisɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkosi sɛ mo bogyesɛ befuw ansa na moasan aba.
Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfo de dwetɛ dwetikɛse apem soma ma wɔde kogyee Mesopotamia ne Maaka-siria ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo adɔm,
na wogyee nteaseɛnam ɔpeduasa abien ne Maaka hene ne ne man adɔm, na wɔbae bɛbɔɔ nsra Medeba anim, na Amonfo no nso fii wɔn nkurow mu boaboaa wɔn ho ano baa akono hɔ.
Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔkɔboaa Israel nyinaa ano kotwaa Yordan, na ɔkɔtoo wɔn twaa wɔn so mpasua. Na Dawid yerɛw dɔm no mu sɛ okohyia Siriafo no ne wɔn ako, na wɔne no koe.