Na Yoab kae sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛnea wɔte yi mpɛn ha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Ɛdɛn nti na me wura rehwehwɛ eyi? Ɛdɛn nti na ɛnyɛ asodi mma Israel?
Na Yoab de ɔman no anobu dodow brɛɛ Dawid: Na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne ɔpeha, nnipa a wɔtwe nkrante. Na Yuda ano si ɔpehanan aduɔwɔtwe, nnipa a wɔtwe nkrante.
Sɛ mfe abiɛsa ɔkɔm oo, anaa asram abiɛsa aguan w’ahohiafo anim a w’atamfo nkrante reto wo oo, anaa AWURADE afoa ne asase no so yaredɔm nnansa a AWURADE bɔfo resɛe nnipa Israel ahye nyinaa mu oo, afei hwɛ mmuae a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no.
Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfo kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔresɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na onuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe hɔ no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfo no gyina Yebusini Ornan awiporowbea ho.
Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.
Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: So ɛnyɛ me na mise wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ nea enye yi, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fi so, na mma ɛmmma wo man so mmmɛbɔ wɔn.
Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ nea ɛsɔ n’ani. Hwɛ mema anantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ne ɔporow teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina ne awi a wɔde bɛyɛ aduan afɔre, mede ne nyinaa mema.