Ɛnna odiyifo Semaia baa Rehoboam ne Yuda mmapɔmma a wɔaboa wɔn ho ano aba Yerusalem afi Sisak anim no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mo de, moagyaw me, na me nso magyaw mo mahyɛ Sisak nsa.
Na AWURADE hui sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase no, AWURADE asɛm baa Semaia nkyɛn sɛ: Wɔabrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a, mɛma wɔafi mu, na m’abufuw amfa Sisak so anhwie angu Yerusalem so.
Na ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den Yerusalem, na odii hene. Na obedii hene no, na wadi mfe aduanan biako, na odii hene mfirihyia dunsɔn Yerusalem a ɛne kurow a AWURADE yii Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.
Na Rehoboam ho nsɛm, kan de ne akyiri de nso, so wɔankyerɛw odiyifo Semaia ne ɔdehwɛfo Ido nsɛm mu antoatoa so? Na dɔmdi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa.