Asa ahenni afe a ɛto so aduasa asia mu na Israel hene Basa foro baa Yuda so, na ɔkyekyee Rama sɛ ɔde resiw nea ofi adi ne nea ɔba mu, Yuda hene Asa fam, kwan.
Na Ben-hadad tiee ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene kɔɔ Israel nkurow so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkurow aduan akorae nyinaa.
Na ɛbere no mu no, ɔdehufo Hanani baa Yuda hene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wutweri Siria hene na woantweri AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siria hene dɔm no afi wo nsa.
Na AWURADE de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no. Eyi mu woadi nkwaseasɛm, na efi sesɛɛ yi akodi bɛda wo hɔ.
Na Asa yaree ne nan, n’ahenni afe a ɛto so aduasa akron mu, na ne yare no ano yɛ den pa ara, nanso ne yare no mu no, wanhwehwɛ AWURADE, na mmom nnuruyɛfo.
Na wosiee no n’asiei a ɔbɔre fae, Dawid kurow mu no mu. Na wɔde no too nnae a nnuhuam ahorow a wɔafra no adufrafo kwan so ayɛ so ma no so, na wɔhyew ɔhyew kɛse pa maa no.