Na mfe bi akyi no, osian kɔɔ Ahab nkyɛn Samaria, na Ahab kunkum nguan ne anantwi bebree maa no ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na ogyigyee no sɛ ɔmforo nkɔ Ramot-gilead.
Na Israel hene Ahab ka kyerɛɛ Yuda hene Yehosafat sɛ: So wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no.
Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifo no ano hyiae, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: So yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa.
Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako da so wɔ hɔ a anka yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE hɔ ade, nanso metan no, efisɛ ɔnka me ho asɛm pa bi, na daa, bɔne na ɔka; ɔno ne Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa.
Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn agua so hyehyɛ wɔn ntade, na wɔtete Samaria pon ano mprae so; na adiyifo no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim.
Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na ose: Monkɔ na munkodi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.
Na nteaseɛnam so asafohene no huu Yehosafat no, wɔkae sɛ: Israel hene no ni! Na wɔmanee ne no kɔkoe. Na Yehosafat teɛɛm; na AWURADE boaa no, na Onyankopɔn dan wɔn fii ne ho.
Na ɔbarima bi twee ne ta mu, n’anibiannaso so, na ɔde wuraa Israel hene no mmɔtoam nkatabo no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no sɛ: Dan wo nsa na fa me fi dɔm yi mu, na mapira.