Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada hyɛɛ ne ho den, na ɔfaa ɔha ha so asafohene, Yeroham ba Asaria ne Yohanan ba Ismael ne Obed ba Asariahu ne Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat ma wɔne no pamee.
Na Lewifo no ne Yuda nyinaa yɛe sɛnea ɔsɔfo Yehoiada hyɛe no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefi homeda ne wɔn a ɛrepɔn adwuma homeda no bae, efisɛ ɔsɔfo Yehoiada amma wɔn a ɛrepɔn no ampɔn.
Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wokurakura wɔn akode, efi ɔdan no nifa twea so kosi ɔdan no benkum twea so, afɔremuka no ne ɔdan no ho, twaa ɔhene no ho hyiae.
Na woyii ɔhene ba no fii adi, na wɔde ahemmotiri no bɔɔ ne ti, na wɔde adanse no maa no, na wosii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no, na wɔkae sɛ: Ɔhene tiri nkwa!
na obehui, na hwɛ, ɔhene no gyina n’agyinae abobow ano, na asafohene ne ntorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfo nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛn ntorobɛnto, na nnwontofo no de asanku rebɔ ayeyi nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atade mu, na ɔkae sɛ: Atirisopam, atirisopam!
Na Yehoiada yii ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no so no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi no mfi nkɔ nkyerɛpɛn no mu, na nea obedi n’akyi no, wonkum no nkrante ano. Na ɔsɔfo no se: Munnkum no AWURADE fi.
Na Yehoiada siesiee AWURADE fi hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfo a wɔne Lewifo a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fi so no nsa, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyew afɔre, na sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu no, wɔnyɛ no anigye ne dwonto mu sɛ Dawid hyehyɛe no.
Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne abirempɔn no ne ɔman no sodifo ne asase no sofo nyinaa, na ɔde ɔhene no fii AWURADE fi sianee, na wɔbaa ɔhene fi pon a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahenni agua no so.