Na ɔboaboaa asɔfo no ne Lewifo no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi adi nkɔ Yuda nkurow so, na monkɔboa dwetɛ ano mfi Israel nyinaa nsam, na wɔmfa mpompam mo Nyankopɔn fi no daa afe; na mo de, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifo no ho anyɛ hare.
Ɛnna ɔhene no frɛɛ ɔpanyin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na womma Lewifo no nnye Yuda ne Yerusalem tow a AWURADE akoa Mose ne Israel bagua no hyɛ maa adanse ntamadan no?
Na bere biara a Lewifo no behu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu na wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ so no, ɔhene kyerɛwfo ne nea ɔsɔfo panyin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ so no ba behwie fi adaka no mu, na wɔma so san de kosi ne sibea. Saa na wɔyɛ da biara da, na wɔboaboaa sika bebree ano.
Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fi som adwuma no, na wɔde bobɔɔ abopaefo ne adwumfo paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fi no foforo, ne dade ne kɔbere adwumfo nso, sɛ wommiamia AWURADE fi no mu.
Na wowiei no, wɔde sika no nkae baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yeyɛɛ nneɛma maa AWURADE fi, ɔsom ne ɔhyew afɔre no ho nneɛma ne nkora ne sika ne dwetɛ nneɛma no. Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre AWURADE fi daa, Yehoiada bere no so nyinaa.
Na Onyankopɔn honhom baa ɔsɔfo Yehoiada ba Sakaria so, na okogyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn se ni: Ɛdɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yiye. Sɛ moagyaw AWURADE yi, ɔno nso agyaw mo.
Na afe no dui no, Siriafo dɔm tu baa no so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa fii ɔman no mu, na wɔn asade no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene.
Na nnipa kakraa bi na Siriafo dɔm de bae, nanso AWURADE de dɔm kɛse pa ara hyɛɛ wɔn nsa, efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm.
Na wofii no so siim kɔe no, efisɛ wogyaw no apirakuru bebree mu, ne nkoa pam ne tiri so, ɔsɔfo Yehoiada mma no mogya nti, na wokokum no ne mpa so, na owui. Na wosiee no Dawid kurow mu, na nso wɔansie no ahene no asiei.