Na ɔtotoo aban atenten nso sare so, na otutuu mmura pii, efisɛ ɔwɔ mmoakuw bebree tataw ne asasetaw so. Ɔwɔ akuafo ne bobe turoyɛfo, mmepɔw so ne Karmel so, efisɛ ɔpɛ kua.
Na Usia wɔ dɔm a wodi ako a wotu sa asafo so, sɛ wɔn nkanee a wɔnam ɔkyerɛwfo Yeiel ne ɔpanyin Maaseia so kan wɔn no ano te, wɔn nso na wɔhyɛ Hanania a ofi ɔhene asafohene no mu no ase.
Na ɔyɛɛ adetow afiri a ɛyɛ adwumfo adwinni Yerusalem, sɛ ensisi aban atenten so ne afasu twea so, na wɔmfa ntotow agyan ne abo akɛse. Na ne din hyetae kɔɔ akyirikyiri pa ara, na onyaa ɔboa a ɛyɛ nwonwa kosii sɛ ne ho yɛɛ den.
Na wokogyinae ne ɔhene Usia dii asi, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo de sɛ wobɛhyew aduhuam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfo, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhyew aduhuam no dea. Fi adi fi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim.
Na Usia bo fuwii, na aduhuamhyew ade no kura ne nsam sɛ ɔde rebɛhyew aduhuam no. Na ɔfaa asɔfo no abufuw no, kwata fifii ne moma so, asɔfo no anim, AWURADE fi hɔ, aduhuamhyew muka no ho.
Na ɔsɔfo panyin Asaria dan n’ani kyerɛɛ no, ɔne asɔfo no nyinaa, na hwɛ, wayare kwata ne moma so, na wopiapiaa no fii hɔ, na ɔno ara nso yɛɛ ntɛm fii adi, efisɛ AWURADE aka no.
Na ɔhene Usia yaree kwata kosii ne wuda, na ɔtenaa ayarefo fi sɛ ɔkwatani, na wosiw no AWURADE fi kwan. Na ne ba Yotam dii ɔhene fi no so, na ɔyɛɛ odikanfo maa asase no sofo no nyinaa.