Ɛnna Lewifo no sɔree: Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wofi Kohatfo mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfo no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden;
Na asɔfo no hyɛn AWURADE fi no mu sɛ wɔrekɔpopa mu, na woyiyii fi a wohui AWURADE asɔredan no mu no nyinaa de baa AWURADE fi abangua no so, na Lewifo no sesaw fii hɔ, na wɔkɔtow guu Kidron subon no mu.
Na ɔsram a edi kan no da a edi kan no na wofii kronkronyɛ ase, na ɔsram no da a ɛto so awotwe no, woduu AWURADE ntwironoa no ho, na wɔyɛɛ AWURADE fi no kronkron nnawɔtwe; na ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunsia no, wowiei.
Ɛnna wɔhyɛn mu baa ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yɛapopa AWURADE fi hɔ nyinaa, ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho ade nyinaa, ne nsiesiei pon no ne ɛho nneɛma nyinaa ho;
Na wɔde anantwinini ason ne adwennini ason ne nguammaa ason ne mpapo ason kɔbɔɔ bɔne ho afɔre maa ahenni no ne kronkronbea no ne Yuda; na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfo no, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre AWURADE afɔremuka no so.
Na wokunkum anantwi no, na asɔfo no sɔw mogya no, na wɔde petee afɔremuka no so, na wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so, na wokunkum nguammaa no de wɔn mogya petee afɔremuka no so.
Na asɔfo no kunkum wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔre guu afɔremuka no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa, na ɔhene no kae se ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre no yɛ wɔn dea.
Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.
Na Hesekia kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre afɔremuka no so. Na ɛbere a wofii ɔhyew afɔre bɔ no ase no, AWURADE dwom ne ntorobɛntohyɛn nso fii ase Israel hene Dawid asanku no so.
Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.
Na Hesekia buae sɛ: Afei moahyehyɛ mo nsa amaama ama AWURADE, muntwiw mmɛn, na momfa okum afɔre ne aseda afɔre mmra AWURADE fi. Na bagua no de okum afɔre ne aseda afɔre bae, na obiara a ɔwɔ ayamye koma no de ɔhyew afɔre bae.
Nanso na asɔfo no nnɔɔso nti, wɔn nko antumi angua ɔhyew afɔre no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ wowiee adwuma no ansa na asɔfo no yɛɛ wɔn ho kronkron. Efisɛ Lewifo no koma teɛ sen asɔfo no, wɔn ho kronkronyɛ no mu.