Na Hesekia soma kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔkyerɛw nhoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fi Yerusalem, na wommedi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn.
Na wɔhyɛɛ asɛm no so mmom sɛ wɔmpae Israel nyinaa mu mfi Beer-seba nkosi Dan, sɛ wɔmmra mmedi Twam mma AWURADE, Israel Nyankopɔn, wɔ Yerusalem, efisɛ wɔmmɔɔ mu nnii no sɛnea wɔakyerɛw no.
Na ammirikatufo de nhoma a efi ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no siim kɔe kokyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛ ɔhene mmara no te, kae sɛ: Israelfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no, nkyɛn, na ɔno nso asan aba wɔn a wɔafi mu aka ama mo afi Asaria ahene nsam no nkyɛn.
Afei munnsinsen mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo nsa mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekosi daa no, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyew no mfi mo ho nkɔ.
Na sɛ mosan ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborohunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no anim, na wɔasan aba asase yi so bio, na ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.
Ɛnna wokunkum Twam guan no ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui, na wɔyeyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔde ɔhyew afɔre baa AWURADE fi.
Efisɛ nnipa bebree wɔ bagua no mu a wonnya nyɛɛ wɔn ho kronkron, na Lewifo no de Twam guan no kum ara na wokum ma wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa, sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.
Na ɔman no mu dodow, nnipa bebree a wofi Efraim ne Manase ne Isakar ne Sebulon, annya annwira wɔn ho, na wodii Twam no, nso ɛnyɛ sɛnea wɔakyerɛw no. Nso Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na ɔkae sɛ: AWURADE a wuye, fa kyɛ
Na Israelfo a wohuu wɔn Yerusalem no dii apiti nnapɔnna no nnansɔn anigye kɛse mu, na Lewifo ne asɔfo no de AWURADE asanku no yii AWURADE ayɛ nna nyinaa.
Na Hesekia kaa Lewifo a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wodii afahyɛ afɔrebɔde no nnansɔn, na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.
Na ɔhene Hesekia yii anantwinini apem ne nguan mpemnsɔn maa bagua no, na mmapɔmma no nso yii anantwi apem ne nguan ɔpedu maa bagua no. Na asɔfo bebree yɛɛ wɔn ho kronkron.
Na Yuda bagua no nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ne asafo a wofi Israel bae no nyinaa nso, ahɔho a wofi Israel asase so bae no ne wɔn a wɔte Yuda no ani gyei.