|
| 1 |
|
| Na Hiob buae sɛ: |
|
| 2 |
|
| Yoo mone ɔman no nne, na muwu a, nyansa nso bewu. |
|
| 3 |
|
| Me nso, mewɔ koma sɛ mo, me de, merentɔ mu mo anim; na hena na onnim nneɛma a ɛte sɛɛ yi? |
|
| 4 |
|
| Nea ne yɔnko serew no ne me, nea osu frɛɛ Onyankopɔn na ogyee no so, wɔserew ɔtreneeni a odi mu no. |
|
| 5 |
|
| Nea ɔte hɔ dwoodwoo no tirim de, animtiaabu na ɛfata amanehunu, ɛne nea wɔasiesie ama wɔn a wɔn nan watiriw. |
|
| 6 |
|
| Amimfo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wohuru Onyankopɔn bo te hɔ komm, wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no. |
|
| 7 |
|
| Na eyi de bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka wo. |
|
| 8 |
|
| Anaasɛ gyen asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo, na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo. |
|
| 9 |
|
| Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyi? |
|
| 10 |
|
| Ne nsam na ɔteasefo biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom. |
|
| 11 |
|
| So ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ? |
|
| 12 |
|
| Nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu. |
|
| 13 |
|
| Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ, ɔno na afotu ne nhumu wɔ no. |
|
| 14 |
|
| Hwɛ, oburuw, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue. |
|
| 15 |
|
| Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase. |
|
| 16 |
|
| Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ, nea wosisi no ne osisifo nyinaa yɛ ne dea. |
|
| 17 |
|
| Ɔpa amananiwafo ho de wɔn kɔ, na ɔma akannifo dan nkwasea. |
|
| 18 |
|
| Ɔsan ahene nkyehama, na ɔde nhama kyekyere wɔn asen; |
|
| 19 |
|
| ɔpa asɔfo ho de wɔn kɔ, na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam; |
|
| 20 |
|
| ɔma anotewfo gyae kasa, na ogye mpanyimfo nimdeɛ; |
|
| 21 |
|
| ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so, na ohodwow nnɔmmarima abɔso mu; |
|
| 22 |
|
| oyi ade kuronkuron adi fi sum mu, na ɔde sum kabii fi ba hann mu; |
|
| 23 |
|
| ɔma aman nya nkɔso, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛw amanaman mu, na otu wɔn kɔ; |
|
| 24 |
|
| ogye asase so aman mu atitiriw koma; na ɔma wokyini asase a ɔkwan nni hɔ so; |
|
| 25 |
|
| wɔkeka sum a hann nni hɔ mu, na ɔma wokyini sɛ asabofo. |
|
|
|
|