|
| 1 |
|
| Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no; |
|
| 2 |
|
| opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina. |
|
| 3 |
|
| Na so oyi so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmu mu w’anim? |
|
| 4 |
|
| Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ. |
|
| 5 |
|
| Sɛ wɔahyɛ ne nna ato hɔ, na n’asram dodow wɔ wo tirim, na woatwa ɔhye a ɔrentwa ho ama no a, |
|
| 6 |
|
| ɛnne yi w’ani fi no so na ɔnhome nkosi sɛ obewie ne da sɛ ɔpaani. |
|
| 7 |
|
| Na dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, na ne nnubaa remmɔ no: |
|
| 8 |
|
| Sɛ ne ntini kyenkyen ɛfam, na ne nsim wu dɔte mu a, |
|
| 9 |
|
| nsu hua nti ɛfefɛw, na eyiyi abaa sɛ dua a wɔatɛw; |
|
| 10 |
|
| na onipa de, owu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he? |
|
| 11 |
|
| Nsu fi po mu dɔ mpumpunase, na asu nso mem na ɛyow: |
|
| 12 |
|
| Saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔre. Ɔsoro nnya ntwaam yi, wɔrennyan, na wɔrenwosow wɔn mfi wɔn nna mu. |
|
| 13 |
|
| Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ! |
|
| 14 |
|
| So onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba. |
|
| 15 |
|
| Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no. |
|
| 16 |
|
| Nanso afei de, wokan m’anammɔn, na wunyi w’ani mfi me bɔne so. |
|
| 17 |
|
| Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotoku mu, na woakyekye me bɔne ano. |
|
| 18 |
|
| Ampa ara bepɔw po hwe ase yera, na ɔbotan nso twiw fi n’afa; |
|
| 19 |
|
| abo nso, nsu fi mu, ne yiri pra fam dɔte kɔ, na ɔdesani anidaso, woma ɛyera. |
|
| 20 |
|
| Wutintim no so ma otwam kɔ, wosakra n’anim na wusum no kɔ; |
|
| 21 |
|
| ne mma nya anuonyam mpo a, onnim, na sɛ wɔbrɛ wɔn ase nso a, onhu mma wɔn. |
|
| 22 |
|
| N’ankasa ne honam yaw nka na ɔte, na ne kra di n’ankasa ne ho abooboo. |
|
|
|
|