Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| M’ahome asa, me nna ahi, damoa na ɛwɔ hɔ ma me. |
| 2 |
| Ampa ara, ahiiyifo na ɛne me wɔ hɔ, na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ. |
| 3 |
| Si awowa ɛ, di me agyinam wo ara w’anim. Hena na obegyina m’akyi? |
| 4 |
| Na woayi nimdeɛ ahintaw wɔn koma, enti woremma wɔn so. |
| 5 |
| Nea ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bi no, ne mma aniwa po bɛhwere. |
| 6 |
| Na ɔde me ayɛ aman akasabebui, na madan ani so hinam. |
| 7 |
| M’awerɛhow nti m’ani so asiw, na me ho ade nyinaa ayɛ sɛ sunsuma. |
| 8 |
| Teefo ho dwiriw wɔn eyi ho; na nea odi bem no bo huru ɔkɔnkɔnsani. |
| 9 |
| Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu, na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden. |
| 10 |
| Na mo nyinaa, monsan mmra ɛ! Nanso merenhu mo mu nyansafo biara. |
| 11 |
| Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimbɔ mu, me koma ade a ɛpɛ no mu. |
| 12 |
| Wɔde anadwo yɛ awia; wose: Hann bɛn nea esum wɔ. |
| 13 |
| Sɛ mede asaman meyɛ me fi, na metow me mpa esum mu, |
| 14 |
| na mise ɔdamoa sɛ: M’agya ne wo, ne mmoawa sɛ: Me na ne me nuabea ne mo, a, |
| 15 |
| na afei, ɛhe na m’anidaso wɔ? Na nea m’ani da so no, hena na obehu? |
| 16 |
| Ebesian akɔ Asaman adaban mu, bere a yɛn nyinaa home wɔ mfutuma mu. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/job/017.mp3
42
17