|
| 1 |
|
| Na Hiob gyee so sɛ: |
|
| 2 |
|
| Otie na muntie me kasa, na eyi nyɛ mo awerɛkyekye. |
|
| 3 |
|
| Munnyaa me mma me nso menkasa, na mekasa miwie a, afei moadi fɛw. |
|
| 4 |
|
| So me de, onipa na midi abooboo mekyerɛ no? Na adɛn nti na me home rentew me? |
|
| 5 |
|
| Monnan mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo, na momfa mo nsa ntuatua mo ano. |
|
| 6 |
|
| Sɛ mekae a, mebɔ piriw, na nketenkete kita me honam. |
|
| 7 |
|
| Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa? Wonyin kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfo akɛse nso? |
|
| 8 |
|
| Wɔn mma tintim wɔn anim pintinn ka wɔn ho, yiw, mekyerɛ wɔn asefo no. |
|
| 9 |
|
| Wɔn afi mu dwo, ehu bi nni mu, na Onyankopɔn nteɛso bi nni wɔn so. |
|
| 10 |
|
| Wɔn nantwinini wowo, na ɔhaw bi mma ho, wɔn anantwibere nya awoye, na wɔmpɔn. |
|
| 11 |
|
| Woyi wɔn ntɔtɔfifiwa adi sɛ nguankuw, na wɔn mmotafowa nso huruhuruw. |
|
| 12 |
|
| Wɔn nne di akyeneka ne sankubɔ mu, na wɔn ani gye abɛnhyɛn ho. |
|
| 13 |
|
| Wɔhwere wɔn nna nnepa mu, na wosian kɔ asaman afrɛso. |
|
| 14 |
|
| Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so, na yɛmpɛ sɛ yɛhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ. |
|
| 15 |
|
| Dɛn ne Otumfo no a yɛnsom no, na sɛ yɛbɔ no mpae a, mfaso bɛn na yebenya? |
|
| 16 |
|
| Nanso, Hwɛ! Ɛnyɛ wɔn ara nsam na wɔn nnepa wɔ, abɔnefo agyinatu mpare me! |
|
| 17 |
|
| Mpɛn ahe na abɔnefo kanea dum, na wɔn abu nso bu wɔn, na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhow n’abufuw mu? |
|
| 18 |
|
| Wɔte sɛ sakran, mframa ano, ne ntɛtɛwa a ahum soa kɔ. |
|
| 19 |
|
| Moka sɛ: Onyankopɔn kora wɔn amumɔyɛ so de ma wɔn mma; ma ontua wɔn ka na wonhu. |
|
| 20 |
|
| Ma wɔn aniwa nhu wɔn mmusu, na wonhu Otumfo no abufuhyew no bi. |
|
| 21 |
|
| Na ofi a wogyaw wɔn akyi no mfa wɔn ho hwee bio, bere a wɔn asram dodow to atwa no. |
|
| 22 |
|
| So obi bɛkyerɛ Onyankopɔn nhumu? Ɔno a obu ɔsorofo no atɛn no. |
|
| 23 |
|
| Obi wɔ n’ahoɔden pintinn nso owu, bere a ne ho tɔ no na n’asom dwo no; |
|
| 24 |
|
| Nufusu ahyɛ ne nhina amaama, na ne nnompe mu hon yɛ bɛtɛɛ no. |
|
| 25 |
|
| Na ɔfoforo nso, de ne kra awerɛhow wu a wanni nnepa no bi. |
|
| 26 |
|
| Faako ara, dɔte mu na wɔdedae, na mmoawa kata wɔn so. |
|
| 27 |
|
| Hwɛ, minim mo adwene ne adwemmɔne a mowɔ no me ho no, |
|
| 28 |
|
| sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fi wɔ? Na ɛhe na ntamadan a abɔnefo tenaa mu no wɔ? |
|
| 29 |
|
| So mummisaa wɔn a wɔfa ɔkwan no so, na wɔn nsɛnkyerɛnne nso, monkarii? |
|
| 30 |
|
| Na wɔakora nnipa bɔne so de kosi ɔsɛe da, wɔde wɔn kɔ aweredi da. |
|
| 31 |
|
| Hena na ɔbɛka wɔn ani, n'abrabɔ ho? Na nea wɔayɛ no, hena na obetua wɔn so ka? |
|
| 32 |
|
| Na ɔno de, wokɔgya no damoa mu, na wɔwɛn wɔn damoa so ara. |
|
| 33 |
|
| Obon mu dɔtetɔw yɛ wɔn dɛ, na nnipa dodow di akyi, na n'anim nso wonnim wɔn dodow. |
|
| 34 |
|
| Na adɛn na mokyekye me werɛ kwa, na mo mmuae yɛ nkontompo ara yi? |
|
|
|
|