Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Ɛnna Suhini Bildad buae sɛ: |
| 2 |
| Tumidi ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoe ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ. |
| 3 |
| So n’asafo ano wɔ abuye? Na hena na ne hann renhyerɛn no so? |
| 4 |
| Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew? |
| 5 |
| Hwɛ, ɔsram po, ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim, na nsoromma ho ntew n’ani so. |
| 6 |
| Na menne ɔdesani, abubummabaa yi, ne onipa ba, aboaa yi! |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/job/025.mp3
42
25