|
| 1 |
|
| Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ: |
|
| 2 |
|
| O, sɛ anka mɛyɛ sɛ mete kan asram no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no ɛ! |
|
| 3 |
|
| Bere a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantew sum mu no! |
|
| 4 |
|
| Sɛnea na mete me twabere nna mu, bere a Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu no; |
|
| 5 |
|
| bere a Otumfo ne me da so wɔ hɔ, na me mmofra nso atwa me ho ahyia, |
|
| 6 |
|
| bere a me nan ho fɔwee nufusu mu srade mu, na abotan maa ngo asubɔnten sen me hɔ no. |
|
| 7 |
|
| Mifi adi mekɔ kurow pon ano, na mede m’agua misi mprae so a, |
|
| 8 |
|
| mmerante hu me, na wohintaw, na nkwakoraa sɔre gyinagyina. |
|
| 9 |
|
| Mmapɔmma gyae kasa, na wɔde wɔn nsa butuw wɔn ano. |
|
| 10 |
|
| Mmakoma nne taa dinn, na wɔn tɛkrɛma fam wɔn dodom. |
|
| 11 |
|
| Na aso te a, ehyira me, na aniwa hu me a, edi me adanse. |
|
| 12 |
|
| Efisɛ miyi ɔmanehunufo a osu frɛ ɔboafo, ne ayisaa a onni boafo. |
|
| 13 |
|
| Nea ɔyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbea kunafo nya abotɔyam. |
|
| 14 |
|
| Mifura trenee na efura me, m’atemmusɛm te sɛ atade yuu ne abotiri: |
|
| 15 |
|
| Meyɛɛ aniwa maa onifuraefo, ne nan nso maa apakye; |
|
| 16 |
|
| meyɛɛ agya maa ahiafo, na nea minnim no mpo asɛm, mehwehwɛɛ mu maa no; |
|
| 17 |
|
| na mibubuu omumɔyɛfo sebɔmmɔfo, na mihwim afow ade mifii ne se mu. |
|
| 18 |
|
| Na mekae sɛ: Me berebuw ara mu na megyaa mu, na mama me nna adɔɔso sɛ nwea; |
|
| 19 |
|
| me ntini mu bebue ama nsu, na obosu nso atena mman so. |
|
| 20 |
|
| M’anuonyam yɛ foforo ma me, na me ta anya denyɛ foforo me nsam. |
|
| 21 |
|
| Me na wotie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotu; |
|
| 22 |
|
| me kasa akyi wɔnsan nkasa bio, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so: |
|
| 23 |
|
| Na wɔtwɛn me sɛ wɔtwɛn osutɔ, na wɔtɛɛ wɔn anom sɛnea wɔde regye adonsu. |
|
| 24 |
|
| Meserew mekyerɛ wɔn a anidaso abɔ wɔn, na m’anim a ɛtew no, wɔmma engu ase. |
|
| 25 |
|
| Mepaw wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitiriw, na metenaa hɔ sɛ ɔhene asafo mu, sɛ nea ɔkyekye abooboodifo werɛ. |
|
|
|
|