|
| 1 |
|
| Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabun? |
|
| 2 |
|
| Na anka dɛn ne Onyankopɔn kyɛfa a efi soro, ne Otumfo agyapade a efi sorɔnsorɔnmmea? |
|
| 3 |
|
| So ɛnyɛ ɔsɛe ne obusufo ade, na akatua dennen ne amumɔyɛfo kyɛfa anaa? |
|
| 4 |
|
| So ɛnyɛ ɔno na ohu m’akwan, na ɔkan m’anammɔntutu nyinaa? |
|
| 5 |
|
| Sɛ midii ahuhude akyi, na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a, |
|
| 6 |
|
| ɔnkari me nseniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhu me mudi no. |
|
| 7 |
|
| Sɛ me nan man fii ɔkwan no so, na me koma dii m’aniwa akyi, na nkekae wɔ me nsam a, |
|
| 8 |
|
| ɛnne wɔmma minnua na obi nni, na wontutu me nnɔbae ngu. |
|
| 9 |
|
| Sɛ wɔdaadaa me koma ɔbea bi ho, na metɛw me yɔnko pon ano a, |
|
| 10 |
|
| ɛnne ma me yere nyam mma obi, na ebinom nkom no so, |
|
| 11 |
|
| na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm, na ɛno ne asɛnnifo anim amumɔyɛ. |
|
| 12 |
|
| Na ɛno ne ogya a ɛhyew kɔ ɔyera amoa mu, na anka ebetutu me nnɔbae nyinaa. |
|
| 13 |
|
| Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmu hwee bere a wɔne me wɔ ɔham bi a, |
|
| 14 |
|
| ɛnne sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ? Na sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no? |
|
| 15 |
|
| So ɛnyɛ nea ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu, na obiakofo na osiesiee yɛn nyinaa ɛna yam? |
|
| 16 |
|
| Sɛ masianka abrɛfo afi nea wɔhwehwɛ ho, na mama akunafo ani abu, |
|
| 17 |
|
| na me nkutoo madi me m'aduan, na ayisaa anni mu bi a, |
|
| 18 |
|
| mmom efi ne mmofraase na meyɛn no sɛ agya, na efi ne na yam na mekyerɛɛ no kwan, |
|
| 19 |
|
| sɛ mahu obi a ntama abɔ no nti ɔreyera, na nkataho bi nni ohiani nsam, |
|
| 20 |
|
| na sɛ n’asen mu anhyira me, na wamfa me nguammaa nwi anhyɛ ne ho hyew, |
|
| 21 |
|
| na sɛ mama me nsa so ayisaa so, efisɛ mihuu me boa kurow pon mu a, |
|
| 22 |
|
| ɛnne me mmati nhuan mfi ne dompe so, na me nsa mmubu mfi ne dompe so. |
|
| 23 |
|
| Efisɛ mmusu a efi Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee. |
|
| 24 |
|
| Sɛ mede sika mayɛ m’ahotoso, na maka makyerɛ amapa sɛ m’anidaso ne no, |
|
| 25 |
|
| na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso, ne sɛ me nsa aka ade bebree, |
|
| 26 |
|
| na sɛ mihuu owia hann sɛ ɛhyerɛn, na ɔsram nam ne haran mu, |
|
| 27 |
|
| na ɛdaadaa me koma kokoam, na m’ano few me nsa ho de mae a, |
|
| 28 |
|
| na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi ɛno nso ne ɔtemmufo anim amumɔyɛ bi. |
|
| 29 |
|
| Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho san me sɛ bɔne ato no a, |
|
| 30 |
|
| nso mamma m’ano anyɛ bɔne, sɛ mede nnome mɛhwehwɛ ne wu, |
|
| 31 |
|
| ampa ara, me ntamadan mufo anka sɛ: Hena na Hiob maa no nam a ammee no? |
|
| 32 |
|
| Ɔhɔho biara ansoɛ abɔnten so, mibuee me pon mekyerɛɛ akwantufo, |
|
| 33 |
|
| sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumɔyɛ misiee me kokom, |
|
| 34 |
|
| efisɛ misuroo nkurɔfo dodow na abusuafo ahohorabɔ yii me hu, na ɛma meyɛɛ komm, mamfi me pon ano mamfi adi a — |
|
| 35 |
|
| O, sɛ anka merenya obi a obetie me ɛ! (Hwɛ, m’agyirae ni! Otumfo mmua me!) O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no bɛkyerɛw asɛm a ɔne me wɔ no ɛ! |
|
| 36 |
|
| Anka ampa ara mede mɛto me mmati, mede mɛbɔ me ti sɛ abotiri, |
|
| 37 |
|
| anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutu dodow, metwiw mabɛn no sɛ ɔhene. |
|
| 38 |
|
| Sɛ m’asase teɛm hyɛ me, na n’akofi de nne koro su, |
|
| 39 |
|
| na sɛ midii n’aba na mamma sika, na memaa ɔdede hweree ne kra a, |
|
| 40 |
|
| ɛnne ma nsɔe mmesi awi ananmu mfifi, na nnɛnkyɛnse mmesi atoko ananmu. Hiob nsɛm no asi. |
|
|
|
|