×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 1

1
Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntena fɛwdifo tenabea,
2
na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na odwen ho awia ne anadwo.
3
Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.
4
Abɔnefo de, wɔnte sa, na wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ gu.
5
Enti abɔnefo renni bem atemmu mu, na nnebɔneyɛfo renya kyɛfa treneefo asafo mu.
6
Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw