Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| AWURADE, adɛn nti na wugyina akyirikyiri, na wode wo ho hintaw ahokyere bere mu? |
| 2 |
| Ɔbɔnefo ahantan nti, ɛmma mmɔboroni ho hyehye no, wɔde wɔn tirimpɔw a wɔabɔ no nkyere wɔn. |
| 3 |
| Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii. |
| 4 |
| Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no. |
| 5 |
| N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmude asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiafo nyinaa nyɛ hwee. |
| 6 |
| Ose ne komam sɛ: Merenhim da, daa nyinaa merenhyia amane biara da. |
| 7 |
| Nnome, nkontomposɛm ne amimdi ahyɛ n’anom ma, na ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase. |
| 8 |
| Ɔtetew nkuraa hintabea, odi nea ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam, n'ani sa awiɛmfo. |
| 9 |
| Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu. |
| 10 |
| Ɔkotow, 'ɔdɛɛdɛɛ, na awiɛmfo akɔka ne nsa. |
| 11 |
| Ose ne komam sɛ: Onyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da. |
| 12 |
| Ao! AWURADE, sɔre ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so. Mma wo werɛ mmfi amanehunufo. |
| 13 |
| Adɛn nti na ɔbɔnefo yi Nyankopɔn ahii ka ne komam sɛ: Worentwe n’aso. |
| 14 |
| Woahu, efisɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhow, sɛ wode besie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ, ayisaa boafo ne wo ara. |
| 15 |
| Bubu abɔnefo basa, na di obusuyɛfo bɔne akyi kosi sɛ worenhu bio. |
| 16 |
| AWURADE ne hene daa daa, amanaman bɛyera afi n’asase so. |
| 17 |
| AWURADE, wobetie nea ahobrɛasefo pɛ, wohyɛ wɔn koma den, na woama w'aso aba so |
| 18 |
| sɛ wubedi ayisaa ne nea wɔhyɛ no so no asɛm, na ɔdesani a ofi asase mu no ho anyɛ hu bio. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/010.mp3
150
10