Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE. |
| 2 |
| Momfa anigye nsom AWURADE, na momfa ahurusi dwom mmra n’anim. |
| 3 |
| Munhu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, yɛyɛ ne de na yɛnne yɛn ho, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan. |
| 4 |
| Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’abangua so. Monna no ase, munhyira ne din. |
| 5 |
| Na AWURADE ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/100.mp3
150
100