Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Me kra, hyira AWURADE, na me mu ade nyinaa nhyira ne din kronkron. |
| 2 |
| Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa. |
| 3 |
| Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo, na ɔsa wo nyarewa nyinaa. |
| 4 |
| Ogye wo nkwa fi amena mu, ɔde adɔe ne mmɔborohunu bɔ wo abotiri. |
| 5 |
| Ɔde adepa hyɛ w’afono ma ma wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre. |
| 6 |
| AWURADE di asɛntrenee, na obu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa. |
| 7 |
| Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose, ɔmaa Israel mma huu ne nneyɛe. |
| 8 |
| Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne AWURADE, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. |
| 9 |
| Ɔrenham nkosi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔw nkosi daa. |
| 10 |
| Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu. |
| 11 |
| Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe so, wɔn a wosuro no so ne no. |
| 12 |
| Sɛ Apuei ne Atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. |
| 13 |
| Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. |
| 14 |
| Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma. |
| 15 |
| Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren. |
| 16 |
| Sɛ mframa bɔ fa no so a, na onni hɔ, na ne sibea nnim no bio. |
| 17 |
| Na AWURADE adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ hɔ ma mma mma, |
| 18 |
| ma wɔn a wodi n’apam so, na wɔkae n’ahyɛde sɛ wɔbɛyɛ. |
| 19 |
| AWURADE de n’agua asi soro, na n’ahenni di ade nyinaa so. |
| 20 |
| AWURADE abɔfo, munhyira no, ahoɔdenfo a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no. |
| 21 |
| AWURADE asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no. |
| 22 |
| AWURADE nnwuma nyinaa, munhyira no, mmeaemmeae a odi tumi nyinaa. Me kra, hyira AWURADE. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/103.mp3
150
103