Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Me koma atim, Onyankopɔn, mɛto dwom, na mayi ayɛ, m’anuonyam na ɛbɛyɛ saa. |
| 2 |
| Bɛnta sanku ne sankuten, nyan, menyan adekyeehema. |
| 3 |
| AWURADE, mɛda wo ase, aman mu, na mɛto ayeyi dwom mama wo, aman mu. |
| 4 |
| Na w’adɔe so tra ɔsoro, na wo nokware du wim tɔnn. |
| 5 |
| Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, na ma w’anuonyam so asase nyinaa so. |
| 6 |
| Nea ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti, fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so. |
| 7 |
| Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu; medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon. |
| 8 |
| Gilead wɔ me, Manase wɔ me, na Efraim yɛ me ti so dade kyɛw, Yuda yɛ m’ahempoma. |
| 9 |
| Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, Filistia so na mɛbɔ ose. |
| 10 |
| Hena na ɔde me bɛkɔ kurow dennen no mu, hena na obegya me akɔ Edom? |
| 11 |
| Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn agu yi, na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ? |
| 12 |
| Bɛboa yɛn fi ahohia mu, na onipa gye nyɛ ogye bi. |
| 13 |
| Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne, na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/108.mp3
150
108