Twi Revised Asante 2012
|
| 1 |
| M’akoma atim, Onyankopɔn, m’akoma atim! Mɛto dwom, na mayi ayɛ! Me kra nyane! |
| 2 |
| Bɛnta ne sankuten, monyane, mɛnyane anɔpahema. |
| 3 |
| AWURADE, mɛda wo ase, aman mu, na mɛto ayeyie dwom mama wo, aman mu. |
| 4 |
| Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro, na wo nokorɛ duru ewiem tɔnn. |
| 5 |
| Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, na ma w’animuonyam so asase nyinaa so. |
| 6 |
| Deɛ ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti, fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so. |
| 7 |
| Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu: Medi ahurisie, mɛkyɛ Sekem mu, na masusu Sukot bonhwa. |
| 8 |
| Gilead wɔ me, Manase wɔ me, na Efraim yɛ me tiri so dadeɛ kyɛ, Yuda yɛ m’ahempoma. |
| 9 |
| Moab yɛ me dwaresɛn, Edom so na mɛto me mpaboa maguo, Filistifoɔ asase so na mɛbɔ ose. |
| 10 |
| Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu, hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom? |
| 11 |
| Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ? |
| 12 |
| Bɛboa yɛn firi ahohia mu, na onipa mmoa yɛ ɔkwa. |
| 13 |
| Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ, na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twirevised/psalms/108.mp3
150
108