|
| 1 |
|
| M’ayeyie Nyankopɔn, mmua w’ano. |
|
| 2 |
|
| Na abɔnefoɔ ne nkontompofoɔ abue wɔn ano atia me, wɔde tɛkyerɛma torofoɔ akeka me ho nsɛm, |
|
| 3 |
|
| na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa. |
|
| 4 |
|
| Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu, na me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ. |
|
| 5 |
|
| Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu, na wɔkyiri me de hyɛ me dɔ ananmu. |
|
| 6 |
|
| Fa ɔbɔnefoɔ si ne so, na ma Satan nnyina ne nifa. |
|
| 7 |
|
| Wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnane no bɔne. |
|
| 8 |
|
| Ma ne nna nsua, na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa, |
|
| 9 |
|
| ne mma nyɛ nwisiaa, na ne yere nnane okunafoɔ, |
|
| 10 |
|
| na ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ, na wɔmfiri wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduane. |
|
| 11 |
|
| Ma ɔpempensifoɔ nsa nka deɛ ɔwɔ nyinaa, na ananafoɔ mfom n’adwumadeɛ. |
|
| 12 |
|
| Mma obiara adɔeɛ nnkyɛre mmma no, na obiara nnnom ne nwisiaa. |
|
| 13 |
|
| Ma wɔnhye n’ase, ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu. |
|
| 14 |
|
| Wɔnkae n’agyanom amumuyɛ AWURADE anim, na ne na bɔne nso, wɔmmpepa. |
|
| 15 |
|
| Ɛntena AWURADE anim daa, na ɔntwa wɔn ho nkaeɛ mfiri asase so. |
|
| 16 |
|
| Ɛsiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ, na ɔtaa onipa mmɔborɔni ne ohiani ne deɛ n’akoma abubuo, sɛ ɔbɛku wɔn. |
|
| 17 |
|
| Ɛnam sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba ne so, sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam twe. |
|
| 18 |
|
| Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atadeɛ, na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsuo, ne ne nnompe mu sɛ ngo. |
|
| 19 |
|
| Ma no nyɛ no sɛ ntoma a ɔfira ne abɔsoɔ a ɔde kyekyere ne ho daa. |
|
| 20 |
|
| Yei ne me ho asɛmpɛfoɔ akatua a ɛfiri AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no deɛ. |
|
| 21 |
|
| Na wo, O Onyankopɔn ne m’AWURADE, wo din nti di ma me, na w’adɔeɛ no yɛ, yi me! |
|
| 22 |
|
| Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani, na m’akoma apira wɔ me mu. |
|
| 23 |
|
| Mekɔ sɛ sunsum a ɛrekɔtɔ, woawoso me atwene sɛ ntutummɛ. |
|
| 24 |
|
| Abuada nti me nkotodwe popo, na me honam afɔn, emu sradeɛ asa. |
|
| 25 |
|
| Na me deɛ, madane ahohora mama wɔn, wɔhwɛ me a, wɔwoso wɔn ti. |
|
| 26 |
|
| Boa me, AWURADE, me Nyankopɔn, gye me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ, |
|
| 27 |
|
| na wɔnhunu sɛ wo nsa ni, sɛ wo, AWURADE, na woyɛeɛ. |
|
| 28 |
|
| Wɔn deɛ, wɔdome, na wo deɛ, wohyira. Wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa deɛ, n’ani gye. |
|
| 29 |
|
| Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo, na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma. |
|
| 30 |
|
| Mede m’ano bɛkamfo AWURADE pii, mɛto ayeyie dwom mama no nnipa bebree mu, |
|
| 31 |
|
| sɛ ɔgyina ohiani nifa, na ɔregye no afiri wɔn a wɔbu ne kra atɛn nsam. |
|
|
|
|