×

Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017

Nnwom 11

1
AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.
2
Na hwɛ, abɔnefo kuntun wɔn tadua mu, wɔde wɔn mmɛmma asi hama so, sɛ wɔde bɛtow abɔ komam teefo, esum mu.
3
Sɛ wɔsɛe nnyinaso no a, ɔtreneeni bɛyɛ dɛn?
4
AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.
5
AWURADE sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.
6
Ɔbɛma nyansrama aduru abɔnefo, ogya ne sufre ne mframa a ɛdɛw na ɛbɛyɛ wɔn kuruwa mu kyɛfa.
7
Na AWURADE yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ asɛntrenee, wɔn a wɔteɛ behu n’anim.
Twi DC Bible 2017
Revised Akuapem Twi DC Bible Bible Society of Ghana, 2017
:
Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw