Twi Revised Asante 2012
|
| 1 |
| AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so. |
| 2 |
| Na hwɛ, abɔnefoɔ kuntunu wɔn tadua mu, wɔde wɔn mmɛmma asi homa so sɛ wɔde bɛto abɔ akoma mu tenefoɔ esum mu. |
| 3 |
| Sɛ wɔsɛe nnyinasoɔ a, ɔteneneeni bɛyɛ dɛn? |
| 4 |
| AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ. |
| 5 |
| AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ, na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ, ne kra tane no. |
| 6 |
| Ɔbɛma asraman aduru abɔnefoɔ, ogya ne sɔfe ne mframa a ɛderɛ ne wɔn kuruwa mu kyɛfa. |
| 7 |
| Na AWURADE yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ asɛntenenee, wɔn a wɔtene bɛhunu n’anim. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twirevised/psalms/011.mp3
150
11