Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Munyi AWURADE ayɛ! Mo AWURADE nkoa, munyi no ayɛ, munyi AWURADE din ayɛ. |
| 2 |
| Nhyira nka AWURADE din mfi nnɛ nkosi daa. |
| 3 |
| Efi owiapuei kɔpem n’atɔe, AWURADE din sɛ ayeyi. |
| 4 |
| Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so, n’anuonyam tra ɔsoro. |
| 5 |
| Hena na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro, |
| 6 |
| na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so? |
| 7 |
| Ɔma ohiani so fi mfutuma mu, na ɔma mmɔboroni so fi sumina so, |
| 8 |
| sɛ ɔde wɔn bɛtena mmapɔmma nkyɛn, ne man mu mmapɔmma. |
| 9 |
| Ɔma ɔbaabonin nya ofi tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gye. Munyi AWURADE ayɛ! |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/113.mp3
150
113