Twi Revised Asante 2012
|
| 1 |
| Monyi AWURADE ayɛ! Mo AWURADE nkoa, monyi ayɛ, monyi AWURADE din ayɛ. |
| 2 |
| Nhyira nka AWURADE din mfiri nnɛ nkɔsi daa. |
| 3 |
| Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ, AWURADE din sɛ ayeyie. |
| 4 |
| Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so, n’animuonyam tra ɔsoro. |
| 5 |
| Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro, |
| 6 |
| na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase soɔ? |
| 7 |
| Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, |
| 8 |
| sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma nkyɛn, ne man mu mmapɔmma. |
| 9 |
| Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ. Monyi AWURADE ayɛ! |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twirevised/psalms/113.mp3
150
113