Twi DC KYERƐW KRONKRON 2017
|
| 1 |
| Israel fii Misraim, na Yakob fifo fii ananafo man mu no, |
| 2 |
| Yuda yɛɛ ne kronkronbea, na Israel yɛɛ ne tumidibea. |
| 3 |
| Ɛpo hui, na eguanee, Yordan san n’akyi. |
| 4 |
| Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, na nkoko yɛe sɛ nguammaa. |
| 5 |
| Ɛpo, dɛn na ɛyɛ wo na wuguan, na wo Yordan nso, wosan w’akyi yi? |
| 6 |
| Mo mmepɔw, sɛ muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, moyɛ sɛ nguammaa yi? |
| 7 |
| Asase, popo AWURADE anim, Yakob Nyankopɔn anim. |
| 8 |
| Ɔno na ɔdan ɔbotan ma ɛyɛɛ ɔtare, na atwɛrebo yɛɛ nsuaniwa. |
| Sie Nsɛm a Wɔakyerɛw |
https://beblia.bible:81/BibleAudio/twidc/psalms/114.mp3
150
114